Ester 4:4 - New Revised Asante Twi Bible4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm4 Bere a ɔhemmea Ɛster mmaawa ne ne piamfo bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaw no yiye. Ɔbrɛɛ no ntade sɛ ɔmfa nsi atweaatam no anan, nanso ɔpoe. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm4 Ɛberɛ a ɔhemmaa Ɛster mmaawa ne nʼapiafoɔ bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaa no yie. Ɔbrɛɛ no ntadeɛ sɛ ɔmfa nsi ayitadeɛ no anan nanso, ɔpoeɛ. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON4 Ɛnna Ester mmaawa ne ne mpiafo no bae bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmea no bɔɔ piriw papa, na ɔsomae sɛ wɔmfa ntade nkɔhyɛ Mordekai, na wonyi ne ho ayitam no, nanso wannye. Faic an caibideil |