Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisan no mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisan no mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɔbosome Nisan (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedie mfeɛ dumienu so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ ɛda pa ne bosome a ɛfata sɛ wɔdi dwuma no. Na da a wɔyiiɛ no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔsram a edi kan a ɛne ɔsram Nisan a ɛte sɛ Oforisuo no so, ɔhene Akas-weros afe a ɛto so dumien mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na efi ɔsram no so ara kosii ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 3:7
13 Iomraidhean Croise  

Na Akas-weros ahennie so, ɔfirii n’ahennie aseɛ no, wɔtwerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ ho anototo nwoma.


Na wɔwiee efie no bosome Adar da a ɛtɔ so mmiɛnsa so, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu.


Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.


n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.


Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebet no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.


Na bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu sɛ wɔdi soɔ no, da no ara a Yudafoɔ atamfoɔ ani daa so sɛ wɔbɛdi Yudafoɔ so no danee sɛ Yudafoɔ no mmom na wɔdii wɔn atamfoɔ no soɔ,


sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,


Na Yudafoɔ no de afena ano ne okum ne ɔsɛeɛ kaa wɔn atamfoɔ nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛdeɛ wɔpɛ.


Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE.


Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntadeɛ (na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ, wɔkyɛɛ me ntadeɛ mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntadeɛ so).


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan