Ester 3:12 - New Revised Asante Twi Bible12 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron12 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm12 Abib (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene akyerɛwfo ma ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw de kɔma mmapɔmma, amantam amradofo a wɔwɔ mmeae nyinaa, adwumayɛfo a wɔwɔ amantam no mu ma wɔkyerɛw no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kaa no sɔw ano, Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm12 Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ ma ɔkaa deɛ ɔpɛ sɛ ɔtwerɛ de kɔma mmapɔmma, amantam amradofoɔ a wɔwɔ mmea nyinaa, adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam no mu, ma wɔtwerɛɛ no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kawa no sosɔɔ ano, Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON12 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano. Faic an caibideil |