Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nso Yudani bi wɔ Susan ahenkurow mu a ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:5
10 Iomraidhean Croise  

Na Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saulo abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba firii adi baa hɔ; na ɔreba no, na ɔredome.


Ɛnna Yudahene Yehoiakyin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma, ne n’apiafoɔ. Na Babel hene faa no, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu.


Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n’apiafoɔ ne asase no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,


ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,


Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.


na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.


Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ saa.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ.


Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan