Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 2:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Anwummerɛ no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na adeɛ kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom teɛ no. Ɛhɔ no, ɔhene piani foforɔ bi a wɔfrɛ no Saasgas na ɔbɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena ne nkwa nna nyinaa a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gyee ne ho yie ansa na wabɔ ne din afrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Anadwofa na ɔkɔ, na anɔpa na ɔsan kɔ mmea fi a ɛto so abien, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafo so ase no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 2:14
8 Iomraidhean Croise  

Enti Sekem antwetwe ne ho sɛ ɔbɛyɛ saa adeɛ no, ɛfiri sɛ na Yakob babaa no sɔ n’ani, na aberanteɛ no animuonyam sene n’agya fiefoɔ nyinaa.


Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.


Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam.


ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.


Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.


M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti na mede wo din mefrɛɛ woɔ, na mebɔɔ wo abodin no, nso wonnya nhunuu me.


Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma no mfa ne ho nkɔdi sɛdeɛ ɔpɛ, na tɔn deɛ, ntɔn no nnye sika, ɛne no nnni no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ woahodwo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan