Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔmanpanyin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa de akyi. Na odi mu wɔ Yudafo no mu. Na wobu no yiye, efisɛ na ne nkurɔfo yiyedi yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfi hɔfo nyinaa tenaa yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔman panin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa deɛ akyi. Na ɔdi mu wɔ Yudafoɔ no mu. Na wɔbu no yie, ɛfiri sɛ, na ne nkurɔfoɔ yiedie yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfie hɔfoɔ nyinaa tenaa yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yudani Mordekai no ne nea odi Ɔhene Ahas-weros akyi wɔ tumi mu. Yudafo no mu nso ɔyɛ onipa kɛse, na ne nuanom dodow no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ ne man no yiyedi, na ɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ n’asefo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 10:3
17 Iomraidhean Croise  

Wobɛdi me fie so, na w’anomu asɛm so na me man nyinaa bɛdie, gye ahennwa nko so na mɛsene woɔ.


Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nananom ne wo nnwan ne w’anantwie ne deɛ wowɔ nyinaa,


na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ mfeɛ nnum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fiefoɔ ne deɛ wowɔ nyinaa.


Na Sikri, Efraim dɔmmarima bi, kumm ɔhene ba Maaseia ne ahemfie bapɔmma Asrikam ne Elkana a ɔdi ɔhene akyire.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ.


Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba


Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.


Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase na wosane apɔ; na sɛ wotumi kenkan atwerɛ no kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ de sika atweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.


Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.


Na Daniel yi kyɛnee aberempɔn ne amantam ahemfo no, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛne soɔ wɔ ne mu. Na ɔhene no yɛɛ sɛ ɔde no bɛsi ahemman no nyinaa so.


Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa.


Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no.


Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔdi wɔn anim ahyɛmfire.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saulo nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene, na mayɛ w’abadiakyire; na m’agya Saulo nso nim yei.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan