Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 10:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wontua tow wɔ nʼaheman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔhene Ahas-weros de towyi too asase no, ne mpoaano aman no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 10:1
8 Iomraidhean Croise  

Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.


Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, —


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.


Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Enti monhyɛ AWURADE animuonyam apueeɛ, po mu nsupɔ mu nso monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.


Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree. Na ɔsafohene bi bɛma no agyae ahohora no bɔ, na mpo wadane ahohora no agu ɔno ara ne so.


Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan