Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔkyerɛw nkrataa kɔɔ nʼaheman no mu mmaa nyinaa. Ɔkyerɛw ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔtwerɛɛ nkrataa kɔɔ nʼahemman no mu afanan nyinaa. Ɔtwerɛɛ ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔsoma ma wɔde nhoma kokɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara so sɛ ne kasa te: Sɛ ɔbarima biara nni ne fi so panyin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:22
11 Iomraidhean Croise  

Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛɛ sɛdeɛ Memukan kaeɛ no.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.


Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.


Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso!


Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.


Ɔbaa deɛ, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ ɔnni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan