Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afahyɛ no nnanson so a nsa afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ piamfo baason a wɔhwɛ no no se

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afahyɛ no nnanson so a nsã afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ apiafoɔ baason a wɔhwɛ no no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Da a ɛto so ason a nsa ama ɔhene no ani agye no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta ne Abagta, Setar ne Karkas, mpiafo baasɔn no a wɔsom ɔhene Ahas-weros anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 1:10
16 Iomraidhean Croise  

Na wɔgyegyee aduane no firii n’anim brɛɛ wɔn, na Benyamin deɛ boroo wɔn nyinaa deɛ so mprenum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyee.


Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima.


Ɔhemmaa Wasti nso too mmaa pono wɔ Ɔhene Akas-weros ahemfie.


Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.


Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.


Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nnim nyansa.


Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa, anaa atitire, sɛ wɔbɛdi nsaden akyire,


Sereɛ nti na wɔsiesie aduane, na nsa ma ateasefoɔ anigyeɛ, na sika na ɛyɛ adeɛ nyinaa.


Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.


Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.


Na Boas didi nomeeɛ na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuo no ano hɔ. Na ɔbaa komm bɛyii n’anafoɔ ntoma na ɔdaa hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan