Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 6:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 ɛfiri sɛ monim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehye oo, ɛno ara ho akatua na obenya Awurade nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 6:8
20 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔnefoɔ yɛ adwuma hunu, na deɛ ɔgu tenenee no nya nokorɛ akatua.


Na ampa ara, akyire asɛm wɔ hɔ, na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene.


Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo, na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ!


Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.


Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.


na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.


na woanya nhyira; ɛfiri sɛ wɔnni deɛ wɔde bɛtua wo so ka. Na ateneneefoɔ sɔreɛ mu na wɔbɛtua wo so ka.


Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.


Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


ɛfiri sɛ monim sɛ Awurade nsam na mobɛnya apɛgyadeɛ sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.


Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛntene no bɛnya deɛ ɛntene a ɔyɛeɛ no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.


Enti monnto mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛseɛ no nntwene.


Ɔbuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛseɛ senee Misraim ahonyadeɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛɛ akatua no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan