Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 6:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Asomdwoeɛ ne ɔdɔ ne gyidie nso a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Asomdwoeɛ ne ɔdɔ ne gyidie nso a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware dɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Asomdwoeɛ nka anuanom nyinaa, na Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokorɛ dɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Asomdwoe ne ɔdɔ ne gyidi nso a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 6:23
21 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Asomdwoeɛ nka mo, monnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo mo nkotokuo mu ademudeɛ, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na ɔyii Simeon brɛɛ wɔn.


Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.


Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


Asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen.


adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Na dodoɔ a wɔnam saa kwan yi soɔ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so.


Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho nte kyema dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.


na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa, adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.


Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.


Sɛdeɛ merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso na woatu nnipa bi fo, sɛ wɔnnkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ,


Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.


Momfa ɔdɔ mfeano nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.


Na m’ani da so sɛ mɛhu mo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Na monse no sɛ: Asomdwoeɛ nka wo, asomdwoeɛ nka wo fie, na asomdwoeɛ nka deɛ wowɔ nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan