Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 6:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Mommɔ mpae mmere nyinaa mu wɔ Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 6:18
51 Iomraidhean Croise  

na bue w’ani ma w’akoa nkotosrɛ ne wo man Israel nkotosrɛ, na tie wɔn deɛ wɔsu frɛ woɔ no nyinaa mu.


Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ ɔsoro no.


Na ma me nsɛm a mede mekoto mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na ɔnni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da biara,


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wobɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa.


Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.


Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa?


Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.


AWURADE ate me nkotosrɛ, AWURADE bɛgye me mpaebɔ so.


O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wɔbɔɔ mpaeɛ berɛ a woreka wɔn anim no.


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.


Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron,


Ɔne ɔbɔfoɔ no koe, na ɔtumii; ɔsui na ɔpaa no kyɛw; ɔhunuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


(Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)


Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso honam no ɛyɛ mmerɛ.


Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro.


Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ deɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreda? Monsɔre mmɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.


Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba,


Metusela ba, Henok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba,


Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.


Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.


na yɛn deɛ, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu.


Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara!


Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya!


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


mennyae mo ho aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu.


ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.


na mo ne ahotefoɔ nyinaa anya trɛ ne tentene ne korɔn ne emudɔ no,


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


ɛne me nso, sɛ, mebue m’ano a, wɔmma me asɛm a menka, na memfa nnam menyi asɛmpa no ahuntasɛm menkyerɛ.


Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigyeɛ mesrɛ mema mo nyinaa,


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Da biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya ase,


ɛfiri sɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa,


Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.


Na afei, deɛ ɛdi ne nyinaa kan no, metu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa;


Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,


ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.


Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;


Na ɛbaa sɛ, ɔgu so rebɔ mpaeɛ AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano dinn;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan