Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 6:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Yei nti monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ne nyinaa wie a, moagyina hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Yei nti monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ne nyinaa wie a, moagyina hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 6:13
15 Iomraidhean Croise  

Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;


Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.


Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


Ɔbotan so deɛ no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini, na wɔgye di ma no kyɛre kakra, na sɔhwɛ berɛ ba a, na wɔagyae.


Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.


ɛfiri sɛ yɛn sa a yɛtuo no akodeɛ nyɛ honam mu deɛ, na mmom ɛyɛ den Nyankopɔn anim sɛ yɛde bɛdwiri abankɛseɛ na yɛadwiri adwene


Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne.


Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.


Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Enti momfa mo ho nhyɛ Nyankopɔn ase. Mommɔ mo ho mmɔden nsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo nkyɛn.


Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,)


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


ɛfiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ no adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan