Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 6:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 6:1
33 Iomraidhean Croise  

na Yakob tiee n’agya ne ne na, na ɔkɔɔ Mesopotamia.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ wonim sɛ wo nuanom rewɛn mmoa wɔ Sekem. Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn. Na ɔse: Menie.


Na Yosef yii wɔn firii Yakob nantam, na ɔponoo ne mu de n’anim butuu fam.


Na ne mma yɛɛ no sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no.


Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.


Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛdeɛ Mordekai hyɛɛ no no; ɛfiri sɛ na Ester di Mordekai asɛm so sɛ berɛ a na ɔhwɛ ne soɔ no.


na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no, nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me.


Enti mebu ade nyinaa mu nsiesieeɛ nyinaa sɛ ɛtene, metane nkontompo kwan nyinaa.


AWURADE, mahunu sɛ w’atemmuo yɛ tenenee, na wode nokorɛdie abrɛ me ase.


AWURADE ahyɛdeɛ tene, ɛma akoma tɔ yam. AWURADE mmarahyɛ ho te, na ɛte ani.


Me ba, tie w’agya akwankyerɛ, na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,


Tie w’agya, ɔno na ɔwoo woɔ, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtia.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wɔnhyira wɔn na.


Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no, asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi.


Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene.


Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ wɔtie wɔn agya ahyɛdeɛ no. Na me deɛ, makasa makyerɛ mo, metua nhema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me.


Na Rekabfoɔ fie no deɛ, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛdeɛ, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,


Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, deɛ ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu, yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa;


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Mo mu biara mmu ne na ne n’agya, na monni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


sɛ: Monnye no Awurade mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ no, na monnyina n’akyi adwuma biara a mo ho bɛhia no mu; ɛfiri sɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne me ara me boafoɔ.


Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne tenenee ne papa.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ a ɔntie n’agya ne ne na asɛm, na wɔtea no na ɔntie wɔn a,


Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani.


Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumidie nyinaa, Awurade nti: Ɔhene a ɔyɛ pumpuni oo,


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mɛyɛ deɛ woka nyinaa.


Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko no ho se,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan