Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na mommma wɔnte aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 5:4
29 Iomraidhean Croise  

Ateneneefoɔ, momfa anigyeɛ nhuro AWURADE mu, ɛsɛ wɔn a wɔtene no sɛ wɔyi no ayɛ.


Ɛyɛ sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,


Onipa niteɛfoɔ kora nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma pae agyimisɛm mu.


Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.


sɛ onipa a ɔgyegye ne yɔnko, na ɔka sɛ: Agorɔ na meredie, teɛ ne no.


N’anomu asɛm mfitiaseɛ yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awieeɛ yɛ adammɔ bɔne.


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.


ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ;


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Mo nso monkoto nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛdeɛ a wɔnam nnipa pii nkotosrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn.


Na aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho!


mennyae mo ho aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Na afei mo deɛ, monyi abufuo, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm, ne aniwusɛm nyinaa mfiri mo anomu ngu.


Na aseda bɛn na yɛbɛtumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigyeɛ nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho?


Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,


Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


na ɔyii Lot a ɔtene a amumuyɛfoɔ no de wɔn ahohwie abrabɔ haa no,


Na yeinom deɛ, wɔka deɛ wɔnnim no ho nsɛmmɔne, na deɛ wɔfiri wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wɔnni adwene no, ɛno mu na wɔgu wɔn ho fi.


ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan