Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 5:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 5:25
21 Iomraidhean Croise  

Saa nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ.


Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntomadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ no ɛyerɛ, na ɔdɔ no. Na Isak werɛ kyekyeree, ne na wuo no akyi.


na ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ no. Na ɔyɛnee no, na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Ɔdi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabaa.


Sika nnwinneɛ kona na yɛbɛyɛ ama woɔ ne dwetɛ mprɛngo a ɛsisi soɔ.


sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.


Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.


Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ na wayi yɛn afiri wiase bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Agya Nyankopɔn pɛ no teɛ.


Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu; na m’ase a meteɛ yi deɛ, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete honam mu yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidie mu.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.


Saa ara nso na ɛsɛ okununom, sɛ wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara nipadua. Deɛ ɔdɔ ɔno ara ne yere no, dɔ ne ho.


Nanso mo mmaako mmaako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɛyerɛ nso mmu ne kunu.


Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.


a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu.


Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne adeɛ a ne ho nyɛ den, na monni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa adom no adedifoɔ bi, na mo mpaebɔ kwan ansi.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan