Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 5:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 5:18
33 Iomraidhean Croise  

Na ɔnom nsa no bi, na ɔboroe, na ɔda ne ntomadan mu a ne ho da hɔ.


Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm, na nsanomfoɔ de me to dwom.


Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nnim nyansa.


Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ.


na wo mfeano te sɛ bobesa pa! a ɛfa menemu mu bɔkɔɔ, a ɛnam anofafa ne ɛse so nam kɔ mu yɔɔ.


Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.


Wɔnnue, nsanom mu akatakyie ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!


Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa biara, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mohohoro kuruwa ne ayowa akyire, na emu deɛ adwotwa ne adufudepɛ ahyɛ ma.


na ɔfiri aseɛ boro ne nwirakwaa, na ɔne asabofoɔ didi nom a,


Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?


Na sɛ akoa no se n’akomam sɛ: Me wura akyɛre ne ba, na ɔfiri aseɛ boro asomfoɔ ne mmaawa no, na ɔdidi na ɔnom boro a,


Na monhwɛ mo ho yie, na adidie mmorosoɔ ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie,


na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ.


Na ɔyɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidie ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfoɔ bebree bɛkaa Awurade ho.


Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;


ɛfiri sɛ obiara di ɔno ara n’aduane ansa, na ɛkɔm de binom, na ebinom nso aboboro nsa.


Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.


awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no.


na wɔnka nkyerɛ ne kuro no mu mpanimfoɔ no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ, ɔntie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne nsabofoɔ.


Ɛfiri sɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔborɔ boro anadwo,


Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan