Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 (Na sɛ ɔse: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnneɛ na ɛnyɛ deɛ ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔsianee kɔɔ asase ase hɔnom ansa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 (Na sɛ ɔse: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnneɛ na ɛnyɛ deɛ ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔsianee kɔɔ asase ase hɔnom ansa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛase ne dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔkɔɔ fam wɔ asase ase pɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 (Na sɛ ose: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnne na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ osian kɔɔ asase ase hɔnom ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:9
22 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE siane bɛhwɛɛ kuro ne abantenten a nnipa mma retoɔ no.


Me nnompe anhunta wo, berɛ a wɔyɛɛ me ahuntaeɛ mu na wɔnwonoo me asase mu tɔnn no.


Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no bɛsiane akɔ asase ase tɔnn.


Na woama aka no kakraa bi na wasɛ Onyame, na wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Na AWURADE siane baa Sinai bepɔ so wɔ n’atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔ no atifi, na Mose foro kɔe.


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.


Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa. Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo, akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma mu, akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn.


Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no.


ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.


Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene paanoo a ɛsiane firii soro no,


Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.


Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.


Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ?


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefire ne faako a merekorɔ; na mo deɛ, monnim deɛ mefire ne deɛ merekorɔ.


Woama no aka kakraa bi na wato abɔfoɔ, wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire, [na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,]


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan