Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidaso baako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:4
28 Iomraidhean Croise  

Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu.


O Israel anidasoɔ, wo a wogye wɔn ohia berɛ mu, ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?


Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE soɔ, na AWURADE yɛ n’anidasoɔ.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na Awurade Yesu adom so mmom na yɛgye di sɛ wɔnam bɛgye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso.


ɛfiri sɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛdeɛ na ɔfrɛ no a, ɔnntwe nsan.


Ɛnam sɛ paanoo no yɛ baako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako; na yɛn nyinaa di paanoo baako no bi.


Na akwaa no dɔɔso deɛ, nanso nipadua no yɛ baako.


Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforɔ bi ho asɛm a yɛnkaeɛ, anaasɛ monya honhom foforɔ a monnyaeɛ, anaasɛ asɛmpa foforɔ a monnyeeɛ a, mogye to mu ntɛm so!


na moate aseɛ, na moahunu ne frɛ anidasoɔ no ne n’apɛgyadeɛ animuonyam ahonya wɔ ahotefoɔ no mu.


na wafa asɛnnua no so apata aka baanu no abɔ Nyankopɔn ho, nipadua baako mu, ɛfiri sɛ ɔnam asɛnnua no ara so akum nitan no.


ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.


ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.


Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.


Na momma Kristo asomdwoeɛ nni hene wɔ mo akoma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua baako mu; na monnyɛ bonniayɛfoɔ.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no,


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.


na wɔnam n’adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ.


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Na obiara a ɔwɔ ne ho anidasoɔ yi no, ɔte ne ho sɛdeɛ ɔno ho teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan