Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔw mo ano ama ogyeda no werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:30
23 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.


Na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase soɔ, na ɛyɛɛ no ya n’akomam.


Mprɛ ahe ara na wɔante n’anim atua ɛserɛ soɔ, na wɔanho ne werɛ anwea pradada soɔ!


Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn. Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.


woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me, na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me, na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe.


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?


Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.


Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa? Mɛgye wɔn owuo mu anaa? Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ? Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ? Ahonu ahunta afiri m’ani so.


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


Na nnoɔma yi refiri aseɛ aba a, monhwɛ soro na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.


Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.


Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ara nso a yɛwɔ Honhom no aba a ɛdi kan no, yɛn nso yɛsi apini retwɛn abayɛ a ɛne ɔgyeɛ a wɔbɛgye yɛn nipadua no.


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


Na sɛ deɛ ɛporɔ yi nya hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi nya hyɛ deɛ ɛnwuo no a, ɛno na asɛm a wɔatwerɛ no bɛba mu sɛ: Wɔamene owuo nkonim mu.


Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no?


Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu. Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan;


Na ɛhefoɔ ho na ɛyɛɛ no ahi mfirinhyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu serɛ soɔ no anaa?


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan