Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:25
42 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.


Yi atorɔ kwan firi me ho, na fa wo mmara dom me.


Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ.


Wopɛ bɔne sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.


Twe wo ho firi atorosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum deɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremmu ɔbɔnefoɔ bem.


Deɛ ɔka nokorɛ no ka deɛ ɛtene, na ɔdansekurumfoɔ deɛ, ɔtwa nkontompo.


Nokorɛ ano tim hɔ daa, na tɛkyerɛma torofoɔ deɛ wɔnkyɛre koraa.


AWURADE akyiwadeɛ ne atorɔ ano, na wɔn a wɔdi nokorɛ sɔ n’ani.


Ademudeɛ a wɔde atorɔ tɛkyerɛma anya yɛ ahuhuo a ahu korɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owuo.


Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa.


ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma, ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo;


na nokorɛ firi m’anomu, na m’ano akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm;


Na ɔse: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atorɔ, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.


Ɔpanin ne animuonyamfoɔ no ne etire no, na odiyifoɔ atorɔkyerɛkyerɛni ne dua no.


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo.


Yeinom ne adeɛ a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛ mo ho; nokorɛ ne asomdwoeɛ na momfa mmu atɛn mo nkuro apono mu.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmaako mmaako.


Ɛnam sɛ paanoo no yɛ baako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako; na yɛn nyinaa di paanoo baako no bi.


Na sɛ mede mo mehoahoa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛdeɛ yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokorɛ mu no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho wɔ Tito anim no ayɛ nokorɛ.


na mmom momma yɛnni nokorɛ mfa ɔdɔ mu nnyini nnoɔma nyinaa mu, Kristo a ɔne etire no mu.


Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,


Momma wɔnyi yeadie nyinaa ne koko bɔne ne abufuo ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu.


Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


Na afei mo deɛ, monyi abufuo, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm, ne aniwusɛm nyinaa mfiri mo anomu ngu.


Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,


adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,


atorofoɔ nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awuo.


Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ara wɔn diyifoɔ kaa sɛ: Kretafoɔ yɛ atorofoɔ daa, mmoa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no.


Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu,


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehoma foforɔ a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyekyere me a, ɛnna mɛhodwo mayɛ sɛ onipa biara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan