Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mommrɛ mo ho ase koraa na munnwo; montɔ mo bo ase, na mo ne obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 4:2
28 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.


Na fa w’ahensɛm no te mu kɔ w’anim ma nokorɛ ne tenenee a wɔabrɛ no aseɛ, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’adeɛ a ɛyɛ hu.


Ɛyɛ sɛ wo ne mmɔborɔfoɔ nya ahobrɛaseɛ honhom sene sɛ wo ne ahokyerɛfoɔ bɛkyɛ asadeɛ.


Aane, ɔdi afɛdifoɔ ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ, ntoboaseɛ honhom yɛ sene ahomasoɔ honhom.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo, AWURADE abufuo da no.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!


na mede ahobrɛaseɛ adwene nyinaa ne nisuo pii, sɔhwɛ a ɛbaa me soɔ Yudafoɔ pɔ bɔne a wɔbɔɔ no me ho mu mesom Awurade.


Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani.


Ɛtie ade nyinaa, ɛgye ade nyinaa di, ɛnya ade nyinaa mu anidasoɔ, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.


Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


Na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛdeɛ n’animuonyam tumidie teɛ no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu wɔ anigyeɛ mu,


Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri.


na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,


Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no.


Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan