Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so yɛ adwuma wɔ yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:7
22 Iomraidhean Croise  

Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No, na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam; mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.


a yɛnam ne so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidie ne din nti;


Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no.


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu.


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Na Apolo ne hwan? Paulo ne hwan? Wɔyɛ asomfoɔ a monam wɔn so agye adie, na wɔn mu biara wɔ deɛ Awurade de ama no.


Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ ho asomfoɔ, nyɛ atwerɛdeɛ mu, na mmom honhom mu, ɛfiri sɛ atwerɛdeɛ deɛ, ɛkum, na honhom deɛ ɛma nkwa.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,


(na deɛ ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafoɔ mu somafosom mu no, nam me nso me so dii dwuma amanaman mufoɔ mu).


Afei nso, ɔmma mo nhunu ne tumi kɛseɛ a ɛboro so ma yɛn a yɛgye die, sɛdeɛ n’ahoɔden tumi adeyɛ


sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,


Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no,


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.


Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan