Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 a awo ntoatoaso bi mu, wɔamma nnipa mma anhu, sɛnea wɔayi adi nnansa yi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron, wɔ honhom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:5
24 Iomraidhean Croise  

saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie, na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.


Na nokorɛ mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi, na wɔte deɛ moteɛ yi, nanso wɔanhunu, na wɔante nso.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ!


Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;


na mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ anka wɔhunu nnoɔma a mohunu yi, na wɔanhunu, na wɔte nsɛm a moteɛ yi, na wɔante.


Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.


Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte.


Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,


Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.


Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.


na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no,


sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no.


Na mo, adɔfo deɛ, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ aka ato hɔ no


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan