Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Sɛ mokekan a, mode bɛhunu nteaseɛ a mewɔ wɔ Kristo ahuntasɛm no ho

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Sɛ mokekan a, mode bɛhunu nteaseɛ a mewɔ wɔ Kristo ahuntasɛm no ho

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ mokenkan eyi a na mobɛte nhumu a mewɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me wɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Sɛ mokenkan a, mode behu ntease a mewɔ Kristo ahintasɛm no ho

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:4
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;


Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,


Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ mpo, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahuntasɛm so ahwɛfoɔ.


Nanso sɛ mennim ɔkasa mu mpo a, ɛnyɛ nimdeɛ, na mmom yɛama biribiara ada adi ama mo, nnipa nyinaa anim.


Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ.


sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.


na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no,


Ahuntasɛm yi so, na me deɛ, mese, ɛfa Kristo ne asafo no ho.


ɛne me nso, sɛ, mebue m’ano a, wɔmma me asɛm a menka, na memfa nnam menyi asɛmpa no ahuntasɛm menkyerɛ.


Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ.


sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


wɔde gyidie ahuntasɛm no sie ahonim a emu teɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan