Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nʼatirimpɔw ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nʼatirimpɔ ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ ewiem mpaninnie ne atumfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:10
23 Iomraidhean Croise  

AWURADE abɔfoɔ, monhyira no, mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ na motie ne kasa no.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


Ɛnna honhom no maa me soɔ, na metee ɔwosoɔ kɛseɛ nne wɔ m’akyiri sɛ: Nhyira ne AWURADE animuonyam firi deɛ ɔteɛ hɔ.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Na megye medi ampa sɛ, owuo anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɛwɔ hɔ, anaa nnoɔma a ɛrebɛba, anaa ahoɔden,


Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, saa Kristo yi yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.


na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ.


mpaninnie ne tumidie ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde toɔ, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu.


a ɛne ne nipadua no, deɛ ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nnoɔma nyinaa mu no mayɛ.


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,


Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.


ɛfiri sɛ ne mu na wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase soɔ, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, nhennwa oo, wuradie oo, mpaninnie oo, tumidie oo, nnoɔma no nyinaa, wɔnam ne so na ɛbɔeɛ, na wɔbɔ maa no.


na moayɛ ma wɔ ne mu: Ɔno na ɔyɛ mpaninnie ne tumidie nyinaa ti,


na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan