Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:1
30 Iomraidhean Croise  

Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,


Ɛnna ɔsafohene no kɔ kɔsɔɔ ne mu, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no, na ɔbisaa onipa ko a ɔyɛ, ne deɛ wayɛ.


Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kaa sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.


Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.


Na sɛ wɔteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ne nkwagyeɛ ma mo, na sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ma mo; ɛno na ɛdi dwuma boasetɔ mu amaneɛ a yɛn nso yɛhunu no ara mu.


Me Paulo ara na menam Kristo dwoɔ a ɔdwoɔ ne n’ayamyɛ so metu mo foɔ, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfoɔ wɔ mo mu, nanso menni mo nkyɛn a, meyɛ mo ho kokoɔdurufoɔ.


Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ ɛdammɔ, mekyɛne saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro soɔ mu, afiaseda a ɛboro soɔ mu, ɛhweɛ a ɛtra soɔ mu, owuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.


Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnneɛ na anka asɛnnua no suntidua no nni hɔ bio.


Hwɛ, me Paulo, mese mo sɛ wɔtwa mo twetia a, Kristo ho remma mfasoɔ biara mma mo.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


sɛdeɛ ne tirim a ɔbɔɔ no teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no teɛ no.


Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu.


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛno ho bɔfoɔ na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.


Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,


Awurade nhunu Onesiforo fie mmɔbɔ, ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no.


Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,


Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu,


nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan