Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:3
54 Iomraidhean Croise  

Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set.


Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ?


Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


na ɔbra yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa ne nnoɔma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, ɛmia asɛm no, na ɛnso aba.


a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Ɔno na tete berɛ a atwa mu no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ara wɔn akwan soɔ;


Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa efideɛ, wɔn akoma akɔnnɔ mu, sɛ wɔngu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu;


Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gyeɛ a wɔnnye annie no so ahu mo mmɔbɔ no,


na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Na amanaman mufoɔ a wɔnni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nnoɔma a, yeinom a wɔnni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho.


Na sɛ, berɛ a yɛyɛ atamfoɔ no, wɔnam ne Ba no wuo so apata yɛn ne Nyankopɔn ntam a, afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wɔbɛgye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.


Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu.


Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ɛbɛwuo no so hene, sɛ mobɛtie no n’akɔnnɔ mu;


Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi.


Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu,


Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.


na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.


Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,


Na mo nso a anka moyɛ atuatefoɔ ne atamfoɔ, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,


Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yɛsi mo soɔ, na mo werɛ anho sɛ wɔn a aka a wɔnni anidasoɔ no.


Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.


Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afidie ne nkwasea akɔnnɔ a ɛnyɛ mma nnipa na ɛtwe wɔn kɔgu ɔsɛeɛ ne ɔyera mu mu.


Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛ mma, na monnyɛ mo ho sɛdeɛ kane a monnim biribiara no na mo akɔnnɔ teɛ no,


wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma,


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.


Nso meretwerɛ ahyɛdeɛ foforɔ mabrɛ mo a ɛyɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwa mu, na nokorɛ hann no anya rehyerɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan