Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom moyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom moyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no yɛ nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Enti afei monyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom moyɛ ahotefo no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:19
14 Iomraidhean Croise  

Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?


Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.


monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.


a wɔfiri ne mu frɛ abusua biara a ɛwɔ soro ne asase soɔ no,


sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu.


Na yɛn deɛ, yɛn man a yɛfiri mu ankasa ne ɔsoro. Ɛfiri hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo


Gyidie so na yeinom nyinaa wuwuiɛ a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wɔhunuu akyirikyiri nko gye diiɛ, yɛɛ no atuu kaa sɛ, wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so.


Na yɛnni kuro a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom deɛ ɛbɛba no akyiri kwan na yɛhwehwɛ.


Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan