Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔno nti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:18
26 Iomraidhean Croise  

Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.


Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.


Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya!


Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.


yɛn deɛ, Onyankopɔn baako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nnoɔma nyinaa firi ne mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade baako, Yesu Kristo a wɔnam ne so yɛ nnoɔma nyinaa, na yɛn nso yɛnam ne so wɔ hɔ no.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


Ne mu na yɛnam ne ho gyidie so anya nnamyɛ ne kwan, ahotosoɔ mu.


Yei nti na mede me nkotodwe mekoto Agya


Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefoɔ apɛgyadeɛ no fafafoɔ wɔ hann mu no ase,


(ɛfiri sɛ mmara no amma biribiara anni mu), nanso wɔde anidasoɔ a ɛyɛ kyɛne soɔ a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.


Ɛno na yɛde hyira Awurade ne Agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Nyankopɔn suban soɔ.


Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tenabea yi mu,


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan