Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 1:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Afei nso, ɔmma mo nhunu ne tumi kɛseɛ a ɛboro so ma yɛn a yɛgye die, sɛdeɛ n’ahoɔden tumi adeyɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Afei nso, ɔmma mo nhunu ne tumi kɛseɛ a ɛboro so ma yɛn a yɛgye die, sɛdeɛ n’ahoɔden tumi adeyɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yegye di no. Ɛyɛ saa tumi nwonwaso no ara na ɔdaa no adi

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Afei nso, ɔmma mo ne tumi kɛse a ɛboro so ma yɛn a yegye di, sɛnea n’ahoɔden tumi adeyɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 1:19
19 Iomraidhean Croise  

Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?


Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.


Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no,


Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no.


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.


Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu, na ne mu na mo ne no nso anyane. Ɛnam gyidie a ɛwɔ Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no tumi adwuma so.


ɛfiri sɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ kasa ara kwa, na mmom ɛbaa ahoɔden ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛdeɛ monim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra faeɛ wɔ mo mu no.


Enti nso, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamyɛ anisɔdeɛ ne gyidie adwuma nyɛ ma,


Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan