Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛwɔ mu sɛ, yɛatew Awurade yɛn Nyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:9
28 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.


Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ ha yi, na wo deɛ, tie no wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa kyɛ!


Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo.


Na wo na fakyɛ wɔ wo fam, na wɔasuro wo.


Israel, ma w’ani nna AWURADE so, n’afam na adɔeɛ wɔ, na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.


na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Na wo, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.


Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Mɛbɔ AWURADE adɔeɛ a ɛtim hɔ daa, AWURADE ayeyi no, sɛdeɛ AWURADE ne yɛn adie no nyinaa, na maka Israel fie yie pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛdeɛ n’ayamhyehyeɛ ne n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ no.


Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.


yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.


Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.


Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so.


AWURADE, yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;


Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan