Daniel 9:25 - New Revised Asante Twi Bible25 Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm25 “Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm25 “Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON25 Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ. Faic an caibideil |