Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “ ‘Mmere aduɔson ahorow ason’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfo ne wo kuropɔn kronkron no sɛ wɔmfa nnyae mmarato, na wontwa bɔneyɛ so, na wɔmpata atirimɔden, na trenee a to ntwa da mmra, na wɔnsɔw anisoadehu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “ ‘Mmerɛ aduɔson ahodoɔ nson’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfoɔ ne wo kuropɔn kronkron no, sɛ wɔgyae mmarato, na wɔtwa bɔneyɛ so, na wɔpata atirimuɔden, na tenenee a ɛto ntwa da ba, na wɔsɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:24
50 Iomraidhean Croise  

Na asɔfoɔ no kunkumm wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔdeɛ guu afɔrebukyia no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa. Na Israel nyinaa na ɔhene no kaa sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no yɛ Israel nyinaa dea.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.


N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


na nweweboaa bɛwe wɔn sɛ atadeɛ, na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu; na me tenenee bɛtena hɔ akɔsi daa, na me nkwagyeɛ afa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monni atemmuo so, na monyɛ adetenenee, na me nkwagyeɛ reyɛ aba, na wɔrebɛyi me nkwagyeɛ adi.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


O Sion babaa, w’amumuyɛ so akatua asa! Ɔremma wo nkɔ so ntena otukorɔ mu; nanso, Edom babaa, ɔbɛba abɛtua w’amumuyɛ so ka, ɔbɛyi wo bɔne so.


Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wo deɛ, wone abɔdeɛ afɛfɛ mu deɛ ɔyɛ, nyansa ahyɛ wo ma, w’ahoɔfɛ di mu.


Na me deɛ, mede wɔn amumuyɛ mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo, nna ahasa aduɔkron na wobɛsoa Israel fie amumuyɛ no.


Na wowie yeinom a, sane da wo mfe nifa so soa Yuda fie amumuyɛ adaduanan; mede afe baako biara mayɛ wo da koro.


Na kan home mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, fa, na home mfeɛ nson no mu nna nyɛ aduanan nkron.


Na Mose kumm no, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho hyiae, na ɔyii afɔrebukyia no ho bɔne, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase de dwiraa sɛ ɔde repata so.


Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.


Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no.


Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.


Na adiyifoɔ no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so.


Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi,


Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


ɛfiri sɛ yei ne aweretɔ nna, na nnoɔma a wɔatwerɛ no nyinaa aba mu.


Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.


Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.


Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.


Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atitire hyia faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo no.


Na sɛ, berɛ a yɛyɛ atamfoɔ no, wɔnam ne Ba no wuo so apata yɛn ne Nyankopɔn ntam a, afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wɔbɛgye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.


na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam n’asɛnnua ho mogya so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam.


na wapepa ahyɛdeɛ no mu atwerɛ a ɛtia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afiri kwan mu,


Na ɔde afɔdeɛ korɔ no ara ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ.


Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


ɛnneɛ anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hunu amane firi wiase fapem, na afei a wiase mmerɛ rewie duro yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ so bɛyi bɔne.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan