Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na meda so merekasa na merebɔ mpae na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotɔsrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔw kronkron,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:20
24 Iomraidhean Croise  

Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ.


ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.


AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.


Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumuyɛ so. Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.


Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie, wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so; na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie ama aman nyinaa.


Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua, wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie. Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu, nsateaa tene ne ahuhukasa,


Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!


Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.


Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe mmiɛnsa;


Na ɔbɛsi n’ahemfie ntomadan ɛpo no ne bepɔ fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awieeɛ bɛba a obiara nni hɔ a ɔbɛdi aboa no.


Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.


Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.


ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,


Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan