Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, AWURADE nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 “Na afei yɛn Nyankopɔn, tie wʼakoa mpaebɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo nti, Awurade, tew wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 “Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, Awurade nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:17
20 Iomraidhean Croise  

Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa rebɔ no w’anim nnɛ yi,


ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.


Ma w’anim nhran w’akoa so, na ma mensua w’ahyɛdeɛ.


Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa? AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.


Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn, te w’anim kyerɛ yɛn.


Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.


Ma wo nan so bɛhwɛ daa amamfo no, ɔtamfoɔ asɛe kronkronbea hɔ ade nyinaa.


Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Onyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo bɛfu atia wo man mpaebɔ akɔsi da bɛn?


Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Me nti, me nti na meyɛ; ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn? Meremfa m’animuonyam memma obi.


Wotee me nne; nsi w’aso wɔ m’ahomeguo ne me sufrɛ ho.


Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti, ɛserɛ so kraman nenam so.


Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man.


Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.


Ɛfiri sɛ, Nyankopɔn bɔ dodoɔ a ɔhyɛeɛ no, ɔno mu na aane no wɔ, na ne mu nso na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan