Daniel 9:16 - New Revised Asante Twi Bible16 Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm16 Awurade, sɛnea wo trenee nneyɛe nyinaa te no nti, yi wʼabufuw ne wʼanibere fi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔw kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti, nnipa a wɔatwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfo ho fɛw. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm16 Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON16 O Awurade, sɛ wo trenee nyinaa te no, dan w’abufuw ne w’anibere fi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti na Yerusalem ne wo man adan ahohorade ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa. Faic an caibideil |