Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Misraim asase soɔ de agye din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 “Awurade yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 “Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na afei, Awurade yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Misraim asase so de agye din sɛ ɛte nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:15
30 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no,


ɛfiri sɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo firi da a wɔn agyanom firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ.


na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho koto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛafom na yɛadi abɔnefosɛm,


Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.


ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.


Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Nanso ne din nti ɔgyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim.


na Misraimfoɔ no ahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mahyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so.


Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.


Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.


Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu, na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.


Na ɛfiri tete nteredee wɔntee, ɛnkɔɔ obi aso mu, ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko.


O AWURADE, yɛahunu yɛn abususɛm, yɛn agyanom amumuyɛ, sɛ yɛayɛ wo bɔne.


Na metwerɛ hyɛɛ nwoma mu, na mesɔɔ ano, na mefrɛɛ adansefoɔ, na mede nsania karii dwetɛ no.


Yɛn ara na yɛato mmara na yɛate atua, wo nso woamfa amfiri.


Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:


yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.


Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio.


Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!


Deɛ ɔyii yɛn firii saa owuo kɛseɛ yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛyi yɛn bio.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan