Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Yei na AWURADE atwɛn na berɛ a ɛsɛ mu no, ɔde atoyerɛnkyɛm aba yɛn soɔ; na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ tenenee, ne nneyɛɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa mu, na yɛantie ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ pɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ osetie amma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Enti na AWURADE nyaa bɔne ho ani de baa yɛn so, na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ trenee, ne nneyɛe a ɔyɛe nyinaa mu, na yɛantie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:14
16 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Israel mmapɔmma ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho aseɛ, na wɔkaa sɛ: Ɔteneneeni ne AWURADE.


AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔteneneeni ne wo, ɛfiri sɛ wɔagya yɛn nkaeɛ bi a wɔafiri mu sɛdeɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodie mu. Na yei nti obiara biara rentumi nnyina w’anim.


Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.


Ne nsa ano nneyɛɛ yɛ nokorɛ ne atemmuo, n’ahyɛdeɛ nyinaa tim hɔ pintinn.


Ɔdomfoɔ ne teneneeni ne AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ.


Ɔteneneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmudeɛ nso tene.


Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, gye me firi mogya ho fɔ mu, na me tɛkyerɛma ato wo tenenee ho ahurisie dwom.


Ɛnna Farao soma maa wɔbɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔteneneeni, na me ne me man ne abɔnefoɔ.


O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?


Na sɛdeɛ m’ani saa wɔn sɛ mɛtutu na mabubu na madwiri na masɛe na mayɛ no bɔne no, saa ara na m’ani bɛku wɔn ho sɛ mɛsi na madua, AWURADE asɛm nie.


Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia sɛ mfuo awɛmfoɔ, ɛfiri sɛ wate me so atua, AWURADE asɛm nie.


Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, bɔne ho, na ɛnyɛ papa ho, na Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim asase soɔ no nyinaa bɛdwerɛ afena ne ɛkɔm ano akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.


N’ahohiahiafoɔ ayɛ akannifoɔ, n’atamfo di yie; na ne mmarato dodoɔ nti AWURADE ahyɛ no awerɛhoɔ. Ne mmotafowa adi ɔtamfoɔ anim kɔ nnommumfa mu.


Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan