Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsane afiri yɛn amumuyɛ ho, na yɛatie wo nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yebefi yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokware akyi kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsan afi yɛn amumɔyɛ ho, na yɛatiw wo nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:13
35 Iomraidhean Croise  

Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne bɛba ha ne ɛhafoɔ so, sɛdeɛ nwoma a Yuda hene akenkan no mu nsɛm nyinaa teɛ,


Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ.


Bue m’ani, na menhwɛ wo mmara mu anwanwadeɛ.


Ma menhunu wo nsiesieeɛ kwan mu, na mennwene w’anwanwadeɛ ho.


Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me, ma me nteaseɛ, na mensua wo mmara nsɛm.


Yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na twa wo bo a ɛfu yɛn no to wo yam.


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Akane deɛ no, hwɛ, aba mu, na nnoɔma foforɔ na merekyerɛ, ɛnnya mfifiriiɛ yi merema moate.


Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfone, O Israel!


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu; na woayi w’ani ahunta yɛn, na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera.


Na ɔman no ansane amma deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyiri kwan nso, wɔanhwehwɛ.


Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.


W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo, wɔmmisa w’akyiri kwan. Na ɔtamfoɔ pira na mapira woɔ, otirimuɔdenfoɔ asotwe na mede atwe woɔ, w’amumuyɛ dodoɔ so, ɛnam sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.


Teɛ na mate mmom, sɛ Efraim redi abooboo sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso atwe nso, sɛ nantwie ba a wɔnkyerɛkyerɛɛ no. Dane me, na madane aba, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.


Ɛsiane sɛ mohyehyee aduhwam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ ne n’adansesɛm no soɔ nti, na asiane bɔne yi abɛsiane mo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, bɔne ho, na ɛnyɛ papa ho, na Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim asase soɔ no nyinaa bɛdwerɛ afena ne ɛkɔm ano akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.


O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.


AWURADE, sane yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsane, ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete deɛ no.


Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.


Na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


Na Israel ahantan di n’anim adanseɛ, na wɔnsane mma AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no yei nyinaa mu.


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo, na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam; wɔn ahemfo nyinaa totɔ. Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.


Ɛno na ɔbuee wɔn adwene mu maa wɔtee atwerɛ nsɛm no aseɛ.


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a,


Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ.


sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no.


Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo saa akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan