Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpapo no bɛyɛɛ oniɔdenfo kɛse. Nanso, nʼaniɔden no duu ne mpɔmpɔnso no, nʼabɛn kɛse no bui, na nʼanan mu no, mmɛn akɛse anan fifii a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa anan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosoe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:8
19 Iomraidhean Croise  

Na ne ho yɛɛ den no, ɔyɛɛ ahantan na ɔbɔɔ brafunu, na ɔfomm AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔhyɛnee AWURADE asɔredan mu sɛ ɔrekɔhye aduhwam aduhwamhyeɛbukyia no so.


Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ.


na mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so, na mabɔ wɔn apete mframa yi nyinaa ano, na ɔman biara nni hɔ a Elam adamfikyi remma hɔ;


Sɛdeɛ nnomaa hyɛ kɛntɛn ma no, sɛ nsisie ayeyɛ wɔn afie mu ma ma ne no. Enti wɔayɛ akɛseɛ na wɔanya wɔn ho.


Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa.


Ka na wobɛka sɛ: Onyame ne me, wɔn a wɔkum woɔ no anim? Na wo deɛ, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, deɛ ɔhwire wo mu no nsam.


Na ɔgyina a, n’ahennie bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa nnan no mu; nanso wɔremfa mma n’asefoɔ, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wɔbɛtutu n’ahennie de ama afoforɔ na ɛnyɛ yeinom.


Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.


Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho;


Daniel firii aseɛ sɛ: Mehunuu m’ani so adeɛ anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa nnan tu bɔe wɔ ɛpo kɛseɛ no so.


Yei akyi, mehwɛe ara, na hwɛ, aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ, na n’akyi ɔwɔ anomaa ntaban nnan, na aboa no wɔ tiri nnan, na wɔmaa no tumi.


Na deɛ ɛbuiɛ a nnan fifiri sii ananmu no, ahennie nnan bɛsɔre ɔman no mu, nso ɛnnuru akane deɛ no ahoɔden.


Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi firi atɔeɛ bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wɔhwɛ a, ɛso, n’ani ntam.


Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano.


Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.


Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan