Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔpapo no sii ntɔkɔnan a emu yɛ den, na ɔpem Odwennini no bubuu ne mmɛn abien no. Odwennini no yɛɛ mmerɛw na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfi ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:7
8 Iomraidhean Croise  

Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo.


Na mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn berɛ ne dɔn a wɔn nkwa nna nkɔduro.


Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


na ɛyɛɛ kɛseɛ kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so.


Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu a mehunuu no sɛ ɔgyina asuo no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.


Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan.


na wɔakyere abom ahwe ase sɛdeɛ wɔredwane nkrantɛ anim, berɛ a obi mpamo wɔn. Na morennya mo atamfoɔ anim agyinayɛ.


Na Ai mmarima no danedanee wɔn ani hwɛɛ wɔn akyiri no, na hwɛ, na kuro no mu wisie retu kɔ soro, na wɔnnya kwan nnwane nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ soɔ no danedanee wɔn ho tiaa atifoɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan