Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu gyina asuo no ano, na mmɛn no woware, na baako ware sene baako, na deɛ ɛwareɛ no na ɛdii akyire firiiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Memaa mʼani so no, mihuu Odwennini a ɔwɔ mmɛn atenten abien na ogyina suka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sen baako, nanso nea ɛware no, akyiri no, enyinii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn abien gyina asu no ano, na mmɛn no wowaree, na biako ware sen biako, na nea ɛware no na efi dii akyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:3
25 Iomraidhean Croise  

Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Na wɔbobɔɔ agyinatufoɔ paa tiaa wɔn, tee wɔn agyina ani yerae, Persiahene Kores nna nyinaa de kɔsii Persiahene Dario ahennie so.


n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.


Hwɛ, merehwanyan Mediafoɔ atia wɔn, nnipa a wɔmmu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ;


Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisie nyinaa to atwa.


Deɛ ɔka Kores ho sɛ: Me dwanhwɛfoɔ nie, na ɔbɛma me botaeɛ nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔbɛkyekyere! ne asɔrefie nso sɛ: Wɔbɛto wo fapem!


Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfira nwera na Ufas sika bɔ n’asene nie;


Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ.


Na Mediani Dario faa ahennie no, na wadi mfeɛ aduosia mmienu.


Na Daniel yi dii yie Dario ahennie ase ne Persiani Kores ahennie ase.


Na hwɛ, aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu te sɛ sisire na ɔgyinaa hɔ tɔ kɔɔ ɔfa baako so, na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anomu ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!


Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho.


Odwennini a wohunuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no ne Media ne Persia ahemfo.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie.


Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo nie.


Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adie na ɔbisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, ɛdeɛn na ɛfiri adie yi?


Ɛnna memaa m’ani so mehwɛeɛ, na hwɛ, na mmaa baanu refiri adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn deɛ, na wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa efa no faa asase ne ɔsoro ntam.


Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.


Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so,


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?


Na mehunuu aboa foforɔ bi a ɔfiri asase mu baeɛ, na ɔwɔ mmɛn mmienu sɛ adwammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan