Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 “Anwummere ne anɔpa anisoadehu a wɔde ama wo no yɛ nokware, nanso, so ano, efisɛ ɛfa daakye bi a ennya mmae ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 “Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no yɛ nokorɛ, nanso, sɔ ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na anadwofa ne anɔpa adehu a wɔkae no yɛ nokware; enti sɔ anisoadehu no ano, na ɛfa nna bebree ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:26
11 Iomraidhean Croise  

Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano hyɛ amena mu, na wɔato wɔn mu, nneduadan mu, na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso.


Onipa ba, hwɛ, Israel fie ka sɛ: Adehunu a ɔhunu no bɛba nna bebree akyi, na ɛberɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.


Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu.


Na maba sɛ merebɛma woate deɛ ɛbɛyɛ wo man, nna a ɛdi akyire no mu. Na nna no ho anisoadehunu da so wɔ hɔ.


Na afei na merekyerɛ wo nokorɛ no: Hwɛ, ahemfo baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na deɛ ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ kɛse asene wɔn nyinaa, na sɛ ɔnya n’ahonyadeɛ no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan ade nyinaa atia Hela ahemman.


Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.


Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so.


Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nwoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛberɛ no abɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan