Daniel 8:2 - New Revised Asante Twi Bible2 Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm2 Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON2 Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho. Faic an caibideil |