Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔkae se, “Merebɛka nea ebesi akyiri no wɔ abufuwbere mu akyerɛ wo, efisɛ anisoadehu no fa awiei bere a wɔahyɛ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔkaa sɛ, “Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no wɔ abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na ose: Hwɛ, merema woahu nea ɛbɛba abohuru no akyiri bere mu, na ɛfa awiei bere a wɔahyɛ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:19
15 Iomraidhean Croise  

Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu.


Na ahemfo baanu no deɛ, wɔn akoma bɛdwene asɛmmɔne na wɔaka atorosɛm didipono baako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfasoɔ biara, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba ara ɛberɛ a wɔahyɛ no mu.


Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.


Na wɔn ahennie no akyire berɛ mu a mmaratofoɔ awie wɔn adeɛ yɛ no, ɔhene a n’ani yɛ den na ɔhunu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre.


Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso. Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara, na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi.


Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so.


Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


na mmom nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛhyɛne n’abɛn no, na Onyankopɔn ahuntasɛm no aba mu, sɛdeɛ ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifoɔ no.


Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.


Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan