Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtoo nokorɛ twenee fam, na ɔdii yie wɔ adeɛ a ɔyɛɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane atuatew no nti, wɔde ahotefo asafo no ne wɔn daa daa afɔre maa no. Na wɔtow nokware kyenee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtow nokware kyenee fam, na ɔyɛɛ ade, na odii yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:12
14 Iomraidhean Croise  

Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm, wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.


Wo tenenee yɛ daa tenenee, na wo mmara yɛ nokorɛ.


Na nyi nokwasɛm no mfiri m’anomu koraa, na w’atemmudeɛ so na m’ani da.


Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so: Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.


Na wɔadane atemmuo ani, na tenenee akɔgyina akyirikyiri; na nokorɛ ahwe ase edwam, na deɛ ɛtene ntumi mma mu.


O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?


Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so.


mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefoɔ dii ako, na ɛtumii wɔn,


Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a ɔbɛgye obi afiri ne nsam, na ɔyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na ɔdi akokurokosɛm.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.


Na Dawid hunuu sɛ Saulo rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no bra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan