Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Belsasar adedi mfe abiɛsa so, me, Daniel, minyaa anisoadehu foforo bi a na edi nea ada ne ho adi akyerɛ me dedaw no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɔhene Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, anisoadehu bi yii ne ho kyerɛɛ me, Daniel, kan de a eyii ne ho kyerɛɛ me no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:1
11 Iomraidhean Croise  

Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.


Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.


Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe mmiɛnsa;


Na me, Daniel, nko na mehunuu anisoadeɛ no, na mmarima a ɛka me ho no anhunu adeɛ no, nanso ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔdwane kɔhuntae.


Na ɔgyina a, n’ahennie bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa nnan no mu; nanso wɔremfa mma n’asefoɔ, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wɔbɛtutu n’ahennie de ama afoforɔ na ɛnyɛ yeinom.


Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire.


Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me.


Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.


Na me, Daniel, mehunuu anisoadeɛ no na merepere sɛ mɛte aseɛ no, hwɛ, na obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima nsɛsoɔ,


Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho.


a ɔbɛdii hene mu no, na me, Daniel, meredwendwen AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia hɔ sɛ ɔbɛma mfirinhyia aduɔson awie duru, Yerusalem amamfo soɔ no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan