Daniel 7:9 - New Revised Asante Twi Bible9 Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔsisii ahennwa, na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase, n’atadeɛ hoa sɛ nwera, na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita; n’adwa yɛ ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefranam. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 “Migu so rehwɛ no, “mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ, na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi. Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm9 “Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON9 Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtenaa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nwi hoa sɛ oguanten nwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefram; Faic an caibideil |
Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.