Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Yei akyi, mehwɛe ara, na hwɛ, aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ, na n’akyi ɔwɔ anomaa ntaban nnan, na aboa no wɔ tiri nnan, na wɔmaa no tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Eyi akyi no, mihuu aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban anan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a etuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Yei akyi no, mehunuu aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban ɛnan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a ɛtuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ tire ɛnan, na wɔmaa no tumi kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:6
10 Iomraidhean Croise  

sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi, a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenteneatentene, ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma, baa Lebanon bɛbuu tweneduro nkona.


Na ɔse: Wonim deɛ enti a mebaa wo nkyɛn? Na afei na mɛsane ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebɛfiri makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba.


Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ.


Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.


Na hwɛ, aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu te sɛ sisire na ɔgyinaa hɔ tɔ kɔɔ ɔfa baako so, na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anomu ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!


Saa nti, meyɛɛ wɔn sɛ gyata, metɛɛ ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ.


Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan